
Nyamesom A, Ɛtwatoɔ Islam
Nea edikan no, nwoma yi kasa fa onyame baakoyɛ ho. Ɛkyerɛ onyame gyinabrɛ ne esom a ɛfata no. Nea ɛtɔso mmienu no fa Muslimifoɔ gyidie ho. Nea edihɔ no kyerɛkyerɛ esom ne emu adesua. Nea enti a ɛwɔsɛ yɛ yɛ salaat, akɔmkyene ne nea ekeka ho. Weinom nyina akyi no, nwoma yi da akyiwadeɛ ahodoɔ a ɛwɔ Islamsom mu. Ne korakora no, ɔtwerɛfoɔ no de ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) abakɔsɛm na ɔde awie nwoma no.